Ma Ye Se Mo Pen Lyrics by Minister OJ

Ma Ye Se Mo Pen by Minister OJ
Ma Ye Se Mo Pen by Minister OJ

Ma Ye Se Mo Pen Lyrics by Minister OJ

“Ma Ye Se Mo Pen” (translated as “I wish I were like you before”) is a highly acclaimed Ghanaian gospel and highlife song by Minister OJ (Michael Oware Sakyi).

Ma Ye Se Mo Pen Lyrics by Minister OJ

 

Akwadaa ahunu daakye ama n’ani agye

Nanso me panyin deɛ afem mese

Yie ne ɛmerɛ nka so o

Nanso ahwɛyie a m’anyɛ nti

M’akeka me mere so asinasini

Ao, anka m’ayɛ sɛ mo pɛn

Akwadaa hunu daakye aman n’ani agye

Ɔpanin twa n’ani a na ne werɛ aho

M’awerehosɛm paa na mereka yi

Me ntam kɛseɛ na merebɔ so yi

Memerante brɛ mu m’antie afutuo

Ɛnɛ me na me nie ooo

Meranteɛ ne mmabaawa a motie me

Anka m’ayɛ sɛ mo da oo

Anka m’ayɛ sɛ mo pɛn

Sukuu yi m’awofoɔ de mekɔɔ bi

Nanso nkodaabɔnesɛm nti

M’anyere me ho ansua adeɛ

Wɔyii me adi kwan so

M’ayɛ adikan bɛdi akyire

Maafoɔ nyina ayɛ yie agya me

Nti ma monfa mo adesua yi nni agorɔ

Ma monfa mo adesua ɛnni agorɔ koraa aaa

Anka ɛmerɛ bɛtumi asan n’akyi aaa

Anka saa mfonsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

Anka mesan ayɛ akwadaa bio a

Anka saa mfonsoɔ a myɛɛ yei anka menyɛ bio

M’ayɛ sɛ mo pɛn

Sika ne ahoɔfɛ na mewɔ bi oo

Medii sika yi nyinaa wɔ m’anum

Mede mahoɔden nyinaa so maa mmaa

Dwamanbɔ samufoɔ a na mesa mmaa mu

Ɛnɛ mpo deɛ aban agye me tuo yi

M’afri me mɛɛma yɛ mu

M’asan mpo akɔfa yadeɛ

Mayɛ sɛ mo pɛn

Mesii so na menim nsa we paa

Mewee nsa aa ma netwaa me foto

Ɛnsa ama me atrofe oo

Nɛ mesɔ adeɛ mu a na mensa ɛpopo

Ahoɔden no nni hɔ bio

Na sɛ afei na wosua ɛnsa nom a

Ma mentu wo fo sɛ gyae no nɛ yiaa

Aooo, anka merɛ bɛtumi asan n’akyi a

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

M’anu meho paa

Anka meesan ayɛ akwodaa bio aa

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

M’anu meho paa

Anka merɛ bɛtumi asan n’akyi a

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

Anka mɛsua yansa wɔ abrabɔ yi mu

Anka meesan ayɛ akwadaa biem a

Anka mentoto meho ase

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

M’ayɛ sɛ mo pɛn

Mebaa abrokyire no na me sua oo

Nanso club aniagyeɛ nti

M’anya agyapadeɛ bia wɔ fie oo

Nnɛ m’anyini adu me mpanyin fie so

Abrokyire tena afono me oo

Nanso mentumi nkɔ menkyi bio

M’aba abɛka obi man so

Agya eh! Agya eh! Agya eh!

Agya eh! boa me, Nana Onyame boa me

Boa me, boa me, boa me, huuuu

Agya eh! boa me Nana Onyame boa me

Onipa hu Nyame ntɛm a ɔnya ahotɔ

Mefaa Yesu ntɛm a anka ma merɛ

Azaa ne lalasulala yi

Ɔkyɛɛ me asaase ma me tɔn yɛ

M’antumi mpo ansi fie oo

Ɛnkrɔfoɔ fie mu atena tuo

Menya baabi mfa me ti nto

Mekonkɔn obi mantwea tesɛ adwee

Montie m’afutusɛm yi

Anka ɛmerɛ bɛtumi asan n’akyi a

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ biO

Meranteɛ ne mmabaawa a motie me

Montie afutusɛm yi

(Anka mesan ayɛ akwadaa bio a)

Ɛmerɛ yɛnni ka so oo

(Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio)

Anka mɛfa mu nyansa paa

Anka mɛfa meho adwen paa

(Agya eh! boa me Nana Onyame boa me) m’ama neɛma aka akyire oo

Onyame sɛ w’ansɔ me mu a

Menni obiara m’aba wonkyɛn woate

(Agya eh! boa me Nana Onyame boa me) sɔ me mu o, sɔ me mu oo Onyame eh

Dwankɔbea, madwene atoa wo

Dwankɔbea, madwene atoa wo

Anka merɛ bɛtumi asan n’akyi a

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

M’anu me ho paa

Anka mesan ayɛ akwadaa bio aa

Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

 

You May Also like:

  • No posts found.
style { gb head h2 { background-color: #d0321d; } }

YOU MAY LIKE

  1. Ma Ye Se Mo Pen by Minister OJ

    Ma Ye Se Mo Pen by Minister OJ

  2. Minister OJ – Obi Nya W’aye

    Minister OJ – Obi Nya W’aye

  3. Minister OJ – Ma Ye Se Mo Pen

    Minister OJ – Ma Ye Se Mo Pen

  4. Minister OJ – Koso Na Koso

    Minister OJ – Koso Na Koso

  5. Fa Mpaebo by Minister OJ

    Fa Mpaebo by Minister OJ

Drop Your Comment (0)

No comments yet, be the first to comment!